[1] Nkoa dodow a wɔwɔ kɔnnua ase no mmu wɔn wuranom sɛ nidi nyinaa sɛ wɔn, na Onyankopɔn din ne kyerɛkyerɛ no ho anhura.
[2] Na mma wɔn a wɔwɔ wuranom gyidifo mmmu wɔn animtiaa sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yiye, efisɛ wɔn a wonya yiyeyɛ no mu biribi no yɛ gyidifo ne adɔfo. Eyinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho fo.
[3] Sɛ obi kyerɛ, nkyerɛkyerɛ foforo na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no ne nkyerɛnkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,
[4] wahoman, na onnim hwee, na mmom ɔyare akyinnyegye ne ɔnokotwa a nea efi mu ba ne nitan, kunsunkunsun, nsekudi, nnipa ho adwemmɔne,
[5] mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde.
[6] Nso onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom.
[7] Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ.
[8] Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔso mma yɛn.
[9] Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.
[10] Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyi yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.
[11] Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.
[12] Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu.
[13] Mitu wo fo Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yiye dii ho adanse Pontio Pilato anim no anim
[14] sɛ, hwɛ ahyɛde no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kosi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi so.
[15] Ɛno na nea ɔbɛkyerɛ bere a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfo koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade,
[16] nea ɔno nko wɔ daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no, ɔno na nidi ne daa tumi wɔ no. Amen.
[17] Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so,
[18] sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsam ngow,
[19] na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.
[20] O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew, ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no akyinnyesɛm no ho.
[21] Ɛno na ebinom yi kyerɛe pae fii gyidi no ho. Adom nka mo.