[1] Nea edi akyiri no, anuanom, mommɔ mpae mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no anuonyam, sɛnea ɛte mo hɔ nso.
[2] Na wonyi yɛn mfi nnipa ammumɔyɛfo ne abɔnefo nsam, efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.
[3] Ɔnokwafo ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefo no ho no.
[4] Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ nea yɛhyɛ mo.
[5] Na Awurade mma monhu Onyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.
[6] Na anuanom, yɛhyɛ mo, Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa na onni atetesɛm a onyae yɛn nkyɛn no so no ho.
[7] Na mo ankasa munim sɛ ɛsɛ sɛ musua yɛn, efisɛ yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu,
[8] nanso yɛanni obiara aduan kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara,
[9] ɛnyɛ sɛ yenni ho kwan, na mmom yɛyɛe sɛ yɛde yɛn ho reyɛ nhwɛso ama mo na moasua yɛn.
[10] Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnnidi.
[11] Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ tɛretɛre.
[12] Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduan.
[13] Na mo de, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.
[14] Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu a, monhyɛ no nsow, mo ne no mmmɔ fekuw, na n’ani nwu;
[15] nanso mummmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua.
[16] Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa, ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.
[17] Me Paulo nkyia a mede m’ankasa me nsa mekyerɛwee. Eyi di adanse wɔ me nhoma nyinaa mu, sɛ ɔkwan a mefa so kyerɛw ni.
[18] Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.