[1] Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafo asafo wɔ yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:
[2] Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
[3] Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛnea ɛfata mo nti, efisɛ mo gyidi nyin boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmiako mmiako no mu adɔ.
[4] Mo boasetɔ ne gyidi a mukura mu, mo taa nyinaa ne amane a mumiaa mo ani hui no mu nti, ɛma yɛn ankasa hoahoa yɛn ho ma mo Onyankopɔn asafo no mu.
[5] Ɛno na ɛyɛ Onyankopɔn atɛntrenee agyirae, sɛ wobebu mo sɛ Onyankopɔn ahenni a muhu ho amane no fata mo.
[6] Efisɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka,
[7] na wama mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfo adi afi soro, ogyaframa mu,
[8] na watɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.
[9] Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, ne yi a woyi wɔn fi Awurade anim ne ne tumi anuonyam ho,
[10] bere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu. Na wɔnhwɛ n’anwonwade wɔ wɔn a wɔagye adi nyinaa mu, efisɛ wɔagye yɛn adanse a yedii mo no adi, ɛda no ara mu.
[11] Enti nso yɛbɔ mpae ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamye anisɔde ne gyidi adwuma nyɛ ma,
[12] na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ no mu, sɛnea yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no te.