[1] Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo.
[2] Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo.
[3] Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.
[4] Na mo de, anuanom, munni sum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo.
[5] Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.
[6] Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.
[7] Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔbow bow anadwo,
[8] na yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.
[9] Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye.
[10] Ɔno na owu maa yɛn sɛ yenyan oo, yɛda oo, yɛne no ntena nkwa mu.
[11] Enti muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛnea moreyɛ no.
[12] Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo,
[13] na mummu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoe mu.
[14] Afei yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.
[15] Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka, na mmom munni nea eye akyi daa, mo ne nnipa nyinaa ho.
[16] Momma mo ani nnye daa;
[17] munnnyae mpaebɔ da!
[18] Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho.
[19] Munnnum honhom no,
[20] monntew adiyisɛm atua!
[21] Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu den.
[22] Munyi mo ho mfi bɔne su nyinaa ho.
[23] Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.
[24] Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
[25] Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn.
[26] Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.
[27] Mehyɛ mo Awurade mu sɛ momma wɔnkenkan nhoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa.
[28] Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.