Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:29

[1] Nso yɛsrɛ mo, anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho de,

[2] mommma wɔnnnan mo adwene ntɛm, na wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu.

[3] Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no

[4] Nea ɔsɔre na ɔma ne ho so tia nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Onyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn.

[5] Monkae sɛ mewɔ mo nkyɛn no, mekaa mo eyinom anaa?

[6] Na afei, nea esiw kwan no, munim sɛ wobeyi no adi ne bere mu.

[7] Na mmarato ahintasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi nea ɔda so siw kwan no afi ntam ansa.

[8] Na ɛno ansa na wobeyi nea onni mmara biara no adi, nea Awurade de n’anom home besɛe no na ɔde ne ba no pue beyi no hɔ koraa no.

[9] Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiriwde nyinaa mu

[10] ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔreyera no mu, esiane sɛ wɔannye nokware dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no.

[11] Eyi nti Onyankopɔn bɛsoma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atoro adi,

[12] na wɔabu wɔn a wɔannye nokware anni na mmom wɔn ani asɔ nea ɛnteɛ no nyinaa atɛn.

[13] Na yɛn de, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, efisɛ Onyankopɔn afi mfiase ayi mo kɔ nkwagye mu, honhom ahotew ne nokware gyidi mu.

[14] Emu na ɔnam yɛn asɛmpa no so afrɛ mo aba, na moanya yɛn Awurade Yesu Kristo anuonyam.

[15] Enti afei, anuanom, munnyina pintinn na munkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nhoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu.

[16] Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no,

[17] ɔnkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den, asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.

Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Tesalonikafo — Chapters