Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:10

[1] Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahennie no so hyɛ wo sɛ,

[2] ka asɛm no, na berɛ biara gyina ne ka mu denden yi atɛn, ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu.

[3] Berɛ bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom, wɔbɛdi wɔn ara wɔn asɛdeɛ akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfoɔ a wɔbɛka nsɛm a wɔrepɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn.

[4] Wɔbɛpo nokorɛ no tie, na wɔatie anansesɛm.

[5] Nanso, mmerɛ nyinaa mu, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yie. Amanehunu mu, mia wʼani. Yɔ ɔsɛmpakafoɔ adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfoɔ.

[6] Me deɛ berɛ aduru sɛ wɔde me bɔ afɔdeɛ. Berɛ aso sɛ megya asetena yi. Me nkwa ayɛ sɛ hwiesa afɔrebɔ wɔ afɔrebukyia so.

[7] Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora.

[8] Adeɛ a ɛretwɛn me seesei ne nkonim akyɛdeɛ, tenenee abotire a Awurade a ɔyɛ tenenee tɛmmufoɔ no de bɛma me da no, ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa.

[9] Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.

[10] Dema dɔɔ nnɛ wiase yi maa ɔyɛɛ saa dwane gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreste kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia.

[11] Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, ɛfiri sɛ, ɔbɛtumi aboa me adwuma no yɛ.

[12] Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso.

[13] Sɛ woreba a, fa mʼatadeɛ a megyaa wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troia no brɛ me. Ɛyɛ a fa me nwoma no nso ka ho, ne titire no, deɛ wɔde aboa nwoma yɔeɛ no.

[14] Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, haa me papaapa; deɛ ɔyɔeɛ no Awurade bɛtua ne so ka.

[15] Ɛyɛ a hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, na ɔtia nsɛm a yɛka no mu dendeenden.

[16] Berɛ a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa dwane gyaa me. Onyankopɔn mmfa nntia wɔn.

[17] Nanso, Awurade ne me tenaeɛ maa me ahoɔden maa metumi kaa asɛm no kyerɛɛ Amanamanmufoɔ maa wɔtieeɛ. Ɔgyee me firii gyata anom.

[18] Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ soro Ahennie no mu asomdwoe mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen.

[19] Kyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ nyinaa ma me.

[20] Erasto kaa Korinto ɛnna megyaa Trofimo wɔ Mileto, ɛfiri sɛ, na ɔyare.

[21] Bɔ mmɔden bra ansa na awɔberɛ adu. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyeakyea wo.

[22] Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.

II Timoteo — Chapters