Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:04

[1] Saa nwoma yi firi Onyankopɔn somfoɔ ne Yesu Kristo somafoɔ Paulo nkyɛn. Wɔyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidie den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a yɛn nyamesom

[2] a ne nnyinasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefiri wiase ase;

[3] na berɛ a ɛsɛ mu, ɔdaa no adi wɔ nʼasɛnka no mu. Wɔde yei hyɛɛ me nsa na megyina Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa hyɛ so, da no adi.

[4] Metwerɛɛ me ba Tito wɔ gyidie baako a yɛn nyinaa kuta mu no mu. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!

[5] Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wobɛtoto nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano.

[6] Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ gyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso.

[7] Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikaniberɛfoɔ.

[8] Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.

[9] Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi.

[10] Nnipa pii wɔ hɔ a wɔtia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu.

[11] Ɛsɛ sɛ wosi wɔn nkyerɛkyerɛ no ano ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika.

[12] Mpo Kreta adiyifoɔ no mu baako kaa sɛ, “Kretafoɔ no yɛ atorofoɔ, mmoa atirimuɔdenfoɔ ne akwadwofoɔ adidifoɔ.”

[13] Na asɛm a ɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Ɛsiane saa nti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yie sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔbɛnya gyidie pa,

[14] na wɔantena ase amma twetiatwa atorɔsɛm ne nhyɛ a ɛfiri nnipa a wɔapo nokorɛ no.

[15] Biribiara yɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn no, nanso biribiara nyɛ kronn mma wɔn a wɔn ho agu fi na wɔnni gyidie, ɛfiri sɛ, wɔn adwene ne wɔn atiboa ho agu fi.

[16] Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɔeɛ nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a afoforɔ kyiri wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfoɔ a wɔnntumi nyɛ ade pa biara.

Tito — Chapters