Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:25

[1] Ɛsɛ sɛ wokyerɛ nkyerɛkyerɛ pa wagye ato mu.

[2] Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafoɔ, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidie mu nyɛ den, wɔnnya ɔdɔ na wɔntumi ntena ɔhaw mu.

[3] Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronn. Wɔnnni nsekuo na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa,

[4] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔnam so bɛtumi ama mmabaawa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma,

[5] ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefoɔ pa a wɔtie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.

[6] Saa ara na hyɛ mmeranteɛ na wɔnnya ahohyɛsoɔ.

[7] Nnoɔma nyinaa mu, fa wo ho yɛ nhwɛsoɔ pa wɔ nnwuma payɔ mu. Di nokorɛ na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho.

[8] Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

[9] Ɛsɛ sɛ asomfoɔ tie wɔn wuranom na adeɛ nyinaa mu, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ wɔyiyi nsɛm ano

[10] anaa wɔbɔ wɔn korɔno. Deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, berɛ nyinaa mu, wɔyɛ papa na wɔdi nokorɛ na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de animuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho.

[11] Onyankopɔn ada nʼadom a ɛgye nnipa nyinaa nkwa no adi.

[12] Na adom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho nteɛ no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛsoɔ, kronnyɛ ne Onyamesuro mu wɔ wiase ha.

[13] Yɛwɔ anidasoɔ wɔ berɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ animuonyam mu no.

[14] Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn firii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn kronn de yɛn yɛɛ ne nko ara dea; nnipa a yɛpɛ papayɛ.

[15] Kyerɛkyerɛ saa nnoɔma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefoɔ nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmmu wo abomfiaa.

Tito — Chapters