Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:23

[1] Saa nwoma yi firi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafoɔ, na ɔde nkwa a ɔhyɛ ho bɔ a ɛnam Kristo Yesu mu gyidie so ba no maame.

[2] Me de kɔma me dɔ ba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

[3] Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛdeɛ me mpaninfoɔ yɔeɛ no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu.

[4] Mekae wonisuteɛ berɛ a yɛredi mpaapaamu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mehunu wo bio a mʼani bɛgye.

[5] Mekae gyidie a ɛmu yɛ den a wowɔ. Saa ara nso na mekae gyidie a na wo nana Lois ne wo maame Eunike nso wɔ. Megye di sɛ wo nso wowɔ bi saa ara.

[6] Yei nti merebɔ wo nkaeɛ sɛ kae akyɛdeɛ a berɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no.

[7] Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ.

[8] Mfɛre sɛ wobɛdi Awurade ho adanseɛ, saa ara nso na mma me odeduani nso ho nyɛ wo fɛre. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.

[9] Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom, nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no, na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no

[10] nanso, seesei, wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba so ada no adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieɛ brɛɛ yɛn.

[11] Onyankopɔn ayi me ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menna Asɛmpa no adi.

[12] Ɛnam yeinom so nti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so wɔ gyidie, ɛfiri sɛ, menim deɛ mede mea ho to no so no, na menim nso sɛ ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.

[13] Sɔ nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yie, na fa yɛ nhwɛsodeɛ, na tena gyidie ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn dea wɔ Kristo Yesu mu no.

[14] Wɔde ademudeɛ a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɛte wo mu no mmoa bɔ ho ban.

[15] Sɛdeɛ wonim no, Kristofoɔ a wɔfiri Asia baa ha no nyinaa adwane agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.

[16] Awurade nhunu Onisiforo fiefoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, ɔhyɛɛ me nkuran mprɛ bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn,

[17] na ɔduruu Roma ara pɛ, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kɔsii sɛ ohunuu me.

[18] Awurade mmoa no na da no ɔnnya ahummɔborɔ mfiri Awurade no nkyɛn! Wonim akwan hodoɔ a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.

II Timoteo — Chapters