[1] Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfoɔ no nyinaa de nidie ma wɔn wuranom sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ.
[2] Ɛnsɛ sɛ asomfoɔ a wɔn wuranom yɛ gyidifoɔ bu wɔn abomfiaa ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ anuanom. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn som pa ɛfiri sɛ, wɔn a wɔbɛnya wɔn som no ho mfasoɔ no ne gyidifoɔ a wɔwɔ gyidie korɔ ne ɔdɔ korɔ no ara mu.
[3] Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka yeinom nyinaa. Obiara a ɔbɛkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ na ɔnka nokorɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no,
[4] yɛ ɔhantani a ɔnnim hwee. Ɔyɛ obi a ɔfiri adwemmɔne mu gye akyinnyeɛ na ɔka nsɛm a, ɛnam so de anibereɛ, akasakasa, ayeyaayeya, nnipa ho adwemmɔne
[5] ne mansotwe a ɛfiri adwene a ɛmu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ ɛkwan bi a wɔnam so pɛ sika.
[6] Ɛyɛ nokorɛ sɛ, sɛ obi ani sɔ deɛ ɔwɔ a, nyamesom ma saa onipa no yɛ ɔdefoɔ.
[7] Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ.
[8] Ɛno nti, sɛ yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.
[9] Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu.
[10] Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa ntini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn koma ma.
[11] Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn nipa, twe wo ho firi yeinom nyinaa ho. Di tenenee, Onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyi.
[12] Bɔ gyidie mu mmirikatuo no ho mmɔden na pere nya nkwa a ɛnni awieeɛ no ma wo ho, ɛfiri sɛ, saa abrabɔ yi nti na berɛ a wodaa wo gyidie adi wɔ adansefoɔ bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo.
[13] Meka no Onyankopɔn a ɔma nnoɔma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokorɛ wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ,
[14] tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kɔsi da a Yesu Kristo bɛba.
[15] Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno yɛ Hene, Ahene mu Hene ne Awurade mu Awurade no bɛma no aba berɛ a ɛsɛ mu.
[16] Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhu no da. Ɔno na nidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen.
[17] Bɔ wiase yi mu ahonyafoɔ kɔkɔ sɛ, wɔmmfa wɔn ahonya nnhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidasoɔ nso nnhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom, wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam nʼadɔeɛ so, ɔmaa yɛn asetena mu nnoɔma pa nyinaa no so.
[18] Hyɛ wɔn sɛ, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa yɔ mu. Wɔnyɛ ayamyɛ na wɔne afoforɔ nkyɛ.
[19] Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa.
[20] Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so yie. Twe wo ho firi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a nnipa bi frɛ no “Nimdeɛ” no ho.
[21] Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidie kwan no. Onyankopɔn adom nka mo.