[1] Saa nwoma yi firi Yesu Kristo somafoɔ Paulo a ɔnam Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn anidasoɔ no hyɛ so nkyɛn,
[2] kɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidie no mu nkyɛn. Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka mo.
[3] Mepɛ sɛ motena Efeso sɛdeɛ merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔrekyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wɔgyae.
[4] Monka nkyerɛ wɔn na wɔnnyae atorɔsɛm ne wɔn nananom din bebrebe a wɔbobɔ no, ɛfiri sɛ, saa nneyɔeɛ no de akyinnyeɛ ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛɛ a wɔnam gyidie nko so na wohu no.
[5] Saa ɔhyɛ yi botaeɛ ara ne sɛ, ɛbɛkanyane ɔdɔ a ɛfiri koma pa, adwenem fann ne gyidie pa mu.
[6] Nnipa bi atwe wɔn ho afiri ɛkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnyeɛ hunu.
[7] Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfoɔ nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte aseɛ. Saa ara nso na wɔnni gyidie wɔ nsɛm a wɔka no mu.
[8] Yɛnim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a ɛyɛ.
[9] Ɛsɛ sɛ yɛkae hunu sɛ, wɔanyɛ mmara no amma ateneneefoɔ na mmom, wɔyɛ maa mmaratofoɔ, nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnsuro Nyame ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifoɔ,
[10] afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.
[11] Saa nokorɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn a ɔyɛ onimuonyamfoɔ na wɔahyira no no nkyɛn.
[12] Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.
[13] Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni nti, na mennim deɛ mereyɔ.
[14] Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu nti, abɛyɛ yɛn dea no.
[15] Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi kan koraa.
[16] Nanso, ɛsiane saa nti, wahu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ.
[17] Animuonyam ne nidie nka Onyankopɔn daadaa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.
[18] Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadie a wɔhyɛɛ ho nkɔm firi tete no hyɛ wo nsa. Wogu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakodeɛ,
[19] na sɔ wo gyidie mu denden na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɔ so asɛe wɔn gyidie.
[20] Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan na wakyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔnnka abususɛm nntia Onyankopɔn.