Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:48

[1] Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛ ntɛm sɛdeɛ ɛyɔɔ wɔ mo mu no.

[2] Afei, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Onyankopɔn bɛyi yɛn afiri abɔnefoɔ ne nsɛmmɔnedifoɔ nsam. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔgye asɛm no di.

[3] Nanso, Awurade yɛ ɔnokwafoɔ. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afiri ɔbɔnefoɔ no nsam.

[4] Awurade ama yɛn mo mu anidasoɔ. Yɛwɔ anidasoɔ sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no.

[5] Awurade nka mo ho na monnya ɔdɔ koma sɛ Onyankopɔn ne abodwokyerɛ sɛ Kristo.

[6] Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfiri anuanom a wɔdi aniha na wɔnni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho.

[7] Mo ankasa monim pefee sɛ ɛsɛ sɛ moyɔ deɛ yɛyɔeɛ no bi pɛpɛɛpɛ. Berɛ a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ aniha.

[8] Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɔɔ adwuma dendeenden. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɔɔ adwuma sɛdeɛ yɛremfa sikasɛm biara nha mo adwene.

[9] Yei nkyerɛ sɛ na yɛnni ho kwan sɛ yɛbisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛsoɔ maa mo.

[10] Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo sɛ, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɔ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma ɔdidi.”

[11] Yɛka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihafoɔ a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfoɔ nnwuma ase.

[12] Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔmmɔ bra pa na wɔnyɔ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhoma.

[13] Anuanom monnnyae papayɛ da.

[14] Obi wɔ hɔ a ɔrentie nwoma a matwerɛ abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ mohunu obi saa a, monhwɛ no yie na montwe mo ho mfiri ne ho na nʼanim ngu ase.

[15] Nanso, mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfoɔ na mmom, mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua.

[16] Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

[17] Me ara me Paulo, me nsa ano atwerɛ a menam so rekyea mo ni. Saa kwan yi ara so na mefa twerɛ nwoma.

[18] Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

II Tesalonikafoɔ — Chapters