[1] Saa nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn. Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfoɔ no:
[2] Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
[3] Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, ɛfiri sɛ, mo gyidie ne ɔdɔ a modɔ afoforɔ no den ara na ɛreyɛ.
[4] Saa nti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo hodoɔ mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho.
[5] Yeinom nyinaa di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn bu atɛntenenee ɛno nti, wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼAhennie a morehunu ho amane no mu.
[6] Onyankopɔn bɛyɛ deɛ ɛtene. Wɔn a wɔbɛma mo ahunu amane no, ɔno nso bɛma wɔahunu amane,
[7] na mo a morehunu amane no ne yɛn nso, wama yɛahome. Saa asɛm yi bɛsi wɔ berɛ a Awurade Yesu nam egyaframa mu firi soro reba a nʼabɔfoɔ atumfoɔ ka ne ho no,
[8] abɛtwe wɔn a wɔnnim Onyankopɔn na wɔntie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso.
[9] Wɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu na wɔayi wɔn afiri Awurade anim ne nʼanimuonyam mu
[10] da a ɔbɛma nʼakyidifoɔ ne nʼasuafoɔ ahyɛ no animuonyam no. Mo nso, mobɛfra saa nkurɔfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.
[11] Yei nti na daa yɛbɔ mpaeɛ ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi ntena ase mma asetena a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no. Ɔnnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛdeɛ ne biribiara a mo gyidie bɛka akyerɛ mo sɛ monyɔ no nyinaa.
[12] Yɛbɔ mpaeɛ sɛdeɛ monam yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo animuonyam wɔ ne mu.