[1] Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ akyerɛ mo nna ne berɛ a saa nsɛm yi bɛsisi.
[2] Ɛfiri sɛ, mo ankasa monim yie sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfoɔ a ɔreba anadwo.
[3] Berɛ a nnipa bɛka sɛ, “Biribiara yɛ asomdwoeɛ” no, saa berɛ no na adesɛeɛ bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nwane. Ɛbɛyɛ te sɛ yea a ɛba ɔpemfoɔ a ɔrewoɔ so no.
[4] Nanso, mo anuanom yi deɛ, monte sum mu nti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfoɔ.
[5] Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyeeɛ mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma.
[6] Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase.
[7] Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa boro nsa.
[8] Nanso yɛyɛ adekyeeɛ mma nti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne yɛn nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ.
[9] Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yɛmmɛhunu amane wɔ nʼabufuo ano, na mmom, ɔyii yɛn sɛ yɛbɛnya nkwagyeɛ wɔ Awurade Yesu Kristo mu.
[10] Deɛ ɔwu maa yɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, sɛ ɔba na sɛ yɛawu o sɛ yɛte ase o, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu.
[11] Ɛsiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɔ yi.
[12] Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ, momfa obuo ne nidie mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wɔnni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no.
[13] Ɛsiane adwuma a wɔyɔ no nti, mommu wɔn na monnɔ wɔn yie. Montena ase asomdwoeɛ mu.
[14] Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ, monkasa nkyerɛ anihafoɔ, monka wɔn a wɔnyɛ hye no hye; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ; monto mo bo ase mma wɔn nyinaa.
[15] Monhwɛ sɛ obi mfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Berɛ biara, momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.
[16] Momma mo ani nnye da biara
[17] na berɛ biara nso, mommɔ mpaeɛ;
[18] biribiara mu, monna ase. Yei na Onyankopɔn hwehwɛ afiri mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
[19] Monnka Honhom Kronkron no nnhyɛ;
[20] monnsi adiyisɛm atwetwe.
[21] Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa deɛ ɛyɛ,
[22] na monkyiri bɔne biara
[23] Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm biara kɔsi sɛyɛn Awurade Yesu Kristo bɛba.
[24] Ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
[25] Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn.
[26] Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.
[27] Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu sɛ monkenkan saa nwoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.
[28] Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.