Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:24

[1] Na wo Timoteo, me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufoɔ, enti ma ɔnhyɛ wo den.

[2] Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansedifoɔ bebree no, na fa hyɛ nnipa a wogye wɔn di na wɔbɛtumi akyerɛ afoforɔ nso nsa.

[3] Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa.

[4] Ɔsraani mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panin ani.

[5] Saa ara nso na obi a ɔfra akansie mu a ɔtu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ ɔdi akansie no mmara so.

[6] Okuafoɔ a wadɔ nʼafuo no, ɛsɛ sɛ ɔnya mu nnɔbaeɛ a ɛdi kan no.

[7] Dwene nsɛm a mereka yi ho ɛfiri sɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase.

[8] Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.

[9] Ɛsiane sɛ meka Asɛmpa no nti, mehunu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ. Nanso, Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;

[10] na yei nti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no nti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no.

[11] Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni: “Sɛ yɛne no wuiɛ a, yɛne no bɛtena ase.

[12] Sɛ yɛampa aba a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.

[13] Sɛ yɛnyɛ nokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ɛfiri sɛ, ɔrentumi ntwa ne ho nkontompo.”

[14] Monkae mo nkurɔfoɔ wɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene.

[15] Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɔ odwumayɔfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɔ ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.

[16] Twe wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nte ho ɛfiri sɛ, ɛno na ɛpam nnipa firi Onyankopɔn ho.

[17] Deɛ wɔkyerɛ no te sɛ akusikuro a ɛdidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto.

[18] Wɔamane afiri nokorɛ no ho na wɔka kyerɛ gyidifoɔ bi sɛ, yɛn wusɔreɛ no atwam dada nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene.

[19] Nanso, obi rentumi nhinhim fapem denden a Onyankopɔn ato no ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ saa nsɛm yi wɔ so. “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ,” na “Obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Awurade dea no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho.”

[20] Nkuku ne nkaka wɔ efi kɛseɛ mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɔ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɔ. Wɔde dua na ayɔ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma.

[21] Sɛ obi te ne ho firi saa nnoɔma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɔ nnwuma sononko ɛfiri sɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ ɔdi no, ɔbɛdi.

[22] Dwane firi mmeranteberɛ mu akɔnnɔ, na ti nnoɔma a ɛho teɛ te sɛ: tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri koma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.

[23] Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnyeɛ a ɛmfa hwee mma no mu, ɛfiri sɛ, ɛde akasakasa ba.

[24] Ɛnsɛ sɛ Awurade somfoɔ ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamyɛ ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa a ɔwɔ boasetɔ nso

[25] a sɛ wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no.

[26] Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔadwane afiri ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛdeɛ no afidie mu.

II Timoteo — Chapters