Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:43

[1] Kae saa asɛm yi. Nna a ɛdi akyire no mu mmerɛ no mu bɛyɛ den.

[2] Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkomenya, aniberefoɔ, ahohiahiafoɔ ne ahantanfoɔ; wɔbɛyɛ abususɛmkafoɔ, asoɔdenfoɔ wɔ wɔn awofoɔ so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso,

[3] wɔbɛyɛ atirimuɔdenfoɔ, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa dinsɛefoɔ basabasa ne abufupɛfoɔ, wɔbɛtane wɔn afɛfoɔ a wɔyɛ nnipa pa no,

[4] wɔbɛyɛ afatwafoɔ, aniɛdenfoɔ, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anikadeɛ sene sɛ wɔdɔ Onyankopɔn.

[5] Wɔbɛyɛ aniani asomfoɔ a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho firi saa nnipa no ho.

[6] Wɔn mu bi kɔ afie mu kɔhyɛ mmaa a wɔn bɔne ama wɔdi fɔ na akɔnnɔ ahodoɔ bebree hyɛ wɔn so no so;

[7] saa mmaa no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsua nnoɔma foforɔ, nanso wɔnhunu nokorɛ no akyi kwan.

[8] Sɛdeɛ Yane ne Yambre ne Mose dii asie no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokorɛ di asie, nnipa a wɔn adwene asɛe na wɔnka hwee wɔ gyidie mu.

[9] Wɔnnya nkɔsoɔ biara ɛfiri sɛ, obiara bɛhu nkwasea a wɔyɛ te sɛ Yane ne Yambre ara pɛ.

[10] Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botaeɛ so. Woahunu gyidie a mewɔ ne me boasetɔ, me dɔ,

[11] taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wonim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa denden a metumi gyinaa ano no. Nanso, Awurade yii me firii ne nyinaa mu.

[12] Wɔn a wɔyɛ Kristo dea, na wɔpɛsɛ wɔtena ase wɔ abrabɔ kronkron mu no, bɛhunu amane,

[13] nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforɔ ne wɔn ankasa wɔn ho.

[14] Nanso, wo deɛ, kɔ so tena ase nokorɛ mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yie. Wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn,

[15] na wokae nso sɛ ɛfiri wo mmɔfraase woahunu Atwerɛsɛm no a ɛtumi ma wo hunu nyansa, na ɛma wo nya gyidie wɔ Kristo Yesu mu, na ɛgye wo nkwa.

[16] Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn adwenemhyɛ so na ɛyɛ ma nokorɛkyerɛ, bɔne ho animka, mfomsoɔ so tene, na ɛkyerɛ asetena pa ho akwan,

[17] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a obi a ɔsom Onyankopɔn bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie, na watumi adi dwuma pa biara.

II Timoteo — Chapters