Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:15

[1] Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara,

[2] wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

[3] Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho.

[4] Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no,

[5] emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa.

[6] Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii,

[7] na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo.

[8] Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa.

[9] Na nkwasea akyinnyegye ne anato ne kunsunkunsun ne mmara ho akasakasa de, twe wo ho fi ho; efisɛ enye mma hwee, na ɛyɛ hunu.

[10] Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!

[11] Na hu sɛ, nea ɔte saa no, ne ti asɛe, na ɔyɛ bɔne bu n’ankasa ne ho fɔ wɔ mu.

[12] Sɛ mesoma Artema anaa Tikiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekodi awɔw bere.

[13] Bɔ mmɔden gya Mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye, na anhia wɔn hwee.

[14] Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.

[15] Wɔn a wɔne me wɔ hɔ nyinaa kyiakyia wo. Kyiakyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu. Adom nka mo nyinaa.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Tito — Chapters