Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 1:59

[1] Na wo de, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no.

[2] Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.

[3] Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron, wonni nseku, wɔnnyɛ asadweam; wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa,

[4] na wɔde atew mmabaa adwenem ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma,

[5] na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.

[6] Mmerante nso saa ara na tu wɔn fo, na wonnwen adwempa.

[7] Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛso: Nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animduru,

[8] asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka.

[9] Nkoa nso, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn wuranom, wɔnsɔ wɔn ani ade nyinaa mu, wonntuatua nsɛm ano,

[10] wɔnnwia nneɛma nketenkete, na mmom wonyi nokware pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, ade nyinaa mu.

[11] Na Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho adi.

[12] Atetew yɛn sɛ, sɛ, yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntena wiase bere yi mu

[13] ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi.

[14] Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.

[15] Eyinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho fo, na yi ho ntɛn. Mma obi mmmu wo animtiaa.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Tito — Chapters