[1] Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,
[2] ne onuabea Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fi:
[3] Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
[4] Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase,
[5] efisɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefo nyinaa ne wo gyidi a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka.
[6] Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse.
[7] Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam.
[8] Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi,
[9] nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso.
[10] Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehama mu, Onesimo
[11] (a kan no, ne ho nni mfaso mma wo, na afei oye ma wo ne me).
[12] Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m'akoma.
[13] Anka mepɛe sɛ mesan no ma ɔtena me nkyɛn, na wasi w’ananmu asom me, wɔ asɛmpa nkyehama no mu,
[14] nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu.
[15] Na ebia eyi nti na ɔne wo tetew mu kakra, sɛ wubenya no daa,
[16] ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam.
[17] Enti sɛ wubu me sɛ ɔyɔnko de a, gye no sɛ me ara.
[18] Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka bi a, bu brɛ me.
[19] Me Paulo na mede m’ankasa nsa mekyerɛw sɛ: Metua ka biara a ɔde wo, anka mempɛ sɛ, mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka.
[20] Yiw, onua, ma minnya wo ho biribi a eye, Awurade mu, na me koma ntɔ me yam wɔ Kristo mu.
[21] Mewɔ awerɛhyɛm wɔ wo setie ho nti na mekyerɛw wo nhoma yi, na minim sɛ wobɛyɛ asen nea maka yi mpo.
[22] Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ so, wɔde me bɛsan abrɛ mo.
[23] Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu,
[24] Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfo, kyiakyia wo.
[25] Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom.