[1] Na nsɛm a yɛreka yi mu titiriw ni: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panyin a wakɔtena tumi kɛse ahengua no nifa, ɔsoro
[2] sɛ kronkronbea ne nokware ntamadan a Awurade ankasa, na ɛnyɛ onipa, pamee no mu sɔfo.
[3] Na ɔsɔfo panyin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma.
[4] Na sɛ ɔwɔ asase so de a, anka ɔnyɛ ɔsɔfo mpo, efisɛ asɔfo a wɔde ayɛyɛde ma, sɛnea mmara no te, wɔ hɔ dedaw.
[5] Wɔn na wɔsom ɔsoro nneɛma nhwɛso ne mfonini, te sɛnea bere a Mose rebesiesie ntamadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ese: Hwɛ, yɛ ade nyinaa sɛnea nsusuwso a wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so no te.
[6] Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛn so, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafo.
[7] Na sɛ kan apam no ho nni asɛm a, anka wɔnhwehwɛ nea ɛto so abien tobea.
[8] Na onunu wɔn sɛ: Hwɛ, nna bi reba, Awurade na ose, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo,
[9] ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn mifii Misraim asase so no; efisɛ wɔn de, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwen wɔn ho, Awurade na ose.
[10] Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara mɛhyɛ wɔn adwenem, na makyerɛw wɔ wɔn komam, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
[11] Na obi renkyerɛkyerɛ ne kuromani, obi renkyerɛ ne nua sɛ: Hu Awurade! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi ɔkɛse so.
[12] Na mɛdom wɔn wɔn amumɔyɛ ho, na wɔn bɔne de, merenkae bio.
[13] Nea ɔka sɛ, “foforo” yi no, ɔde ama kan de no dedaw; na nea ɛreyɛ dedaw na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera.