[1] Onuadɔ ntena hɔ daa.
[2] Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; efisɛ eyi so na ebinom nam yɛɛ abɔfo hɔho a wɔn ani nni so.
[3] Monkae nneduafo, sɛnea mo ne wɔn na ɛda duam, ne wɔn a wohu amane biara, sɛ mo ankasa nso da so wɔ ɔhonam mu yi.
[4] Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.
[5] Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.
[6] Na ɛma yɛde nnam ka sɛ: Awurade ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?
[7] Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo. Monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.
[8] Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.
[9] Mommma nkyerɛkyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyin, na eye sɛ wɔde adom hyɛ koma den, na ɛnyɛ nnuan a wɔn a wodii no nni ho mfaso biara.
[10] Yɛwɔ afɔremuka a wɔn a wɔsom ntamadan no nni ho kwan sɛ wodi ho biribi.
[11] Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panyin de wɔn mogya kɔ kronkron mu no, wɔhyew wɔn afunu nsra no akyi.
[12] Na Yesu nso, nea ɛbɛyɛ na ɔde n’ankasa ne mogya atew ɔman no ho nti, ohuu amane, kurow no pon akyi.
[13] Ɛno nti momma yemfi adi nkɔ ne nkyɛn nsra no akyi nkɔsoa n’ahohora.
[14] Na yenni kurow a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛrehwehwɛ.
[15] Enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.
[16] Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.
[17] Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso biara mma mo.
[18] Mommɔ mpae mma yɛn; efisɛ yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.
[19] Na mesrɛ mo ara yiye sɛ monyɛ eyi, na wɔadan me ama mo ntɛm pa.
[20] Na asomdwoe Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya so ayi nguan no hwɛfo kɛse a ɔne yɛn Awurade Yesu afi awufo mu no,
[21] onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.
[22] Anuanom, mesrɛ mo sɛ, muntie afotusɛm yi; efisɛ makyerɛw no nsɛntiaa bi mamena mo.
[23] Munhu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo; na sɛ ɔba ntɛm pa a, me ne no bɛba abehu mo.
[24] Munkyia mo mpanyimfo nyinaa ne ahotefo nyinaa. Wɔn a wofi Italia kyia mo.
[25] Adom nka mo nyinaa. [Amen].