[1] Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika,
[2] nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.
[3] Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.
[4] Mo ne bɔne redi ako yi, munnya nsiw ano nkoduu mogya mu ɛ,
[5] na mo werɛ afi afotu a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no sɛ: Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa, nanso oyi wo ntɛn a, mma w'aba mu mmu.
[6] Na nea Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ogye no.
[7] Sɛ muhu asotwe mu amane tena mu a, Onyankopɔn yɛ mo sɛ mma. Na ɔba bɛn na ɔwɔ hɔ a n’agya ntwe n’aso?
[8] Na sɛ munni asotwe a wɔn nyinaa anya bi no bi a, ɛnne na moyɛ aguaman mma, na ɛnyɛ mma mapa.
[9] Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefo na yɛfɛree wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase nkyɛn saa pii mmom, na yɛatena ase?
[10] Na wɔn de, wɔtwee yɛn aso nna kakraa bi sɛnea eye wɔ wɔn ani so nko, na ɔno de, yɛn yiye nti na ɔtwe yɛn aso, na yɛanya n’ahotew no bi.
[11] Na asotwe biara, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.
[12] Enti monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den bio.
[13] Na munsiesie ɔkwan trenee mma mo anan, na nea atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yare.
[14] Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe ne ahotew a obi kwati a, ɔrenhu Awurade no akyi.
[15] Na monhwɛ yiye na obi amfi Nyankopɔn adom ho anka akyiri, na wanyɛ sɛ ntini nwenewene bi amfifi anyɛ ɔhaw biara, na amfa nkekae ammɛkeka nnipa bebree,
[16] na obi anyɛ oguamammɔfo anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔn n’abakan gyee aduan koro.
[17] Na munim sɛ, akyiri yi nso a ɔpɛe sɛ onya nhyira no, wɔpaa no, na ɔde nusu hwehwɛɛ adwensakra kwan de, nanso wanhu.
[18] Na moamma bepɔw a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyew ne omununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu
[19] ne torobɛnto gyigye ne nsɛm nne a wɔn a wɔtee no srɛe sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho.
[20] Na wɔantumi nea wɔhyɛe a ese: Na sɛ aboa bi mpo ho kɔka bepɔw no a, wonsiw no abo.
[21] Na nea epuei no yɛ hu pii nti, Mose kae sɛ: Misuro, na me ho popo!
[22] Na mmom, moaba Sion bepɔw ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem, ho, ne abɔfo mpempem nhyiam,
[23] ne mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua, ne nnipa nyinaa ɔtemmufo, Onyankopɔn, ne atreneefo a wɔayɛ pɛ ahonhom,
[24] ne Apam foforo ntamgyinafo Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yiye sen Habel de ho.
[25] Monhwɛ na moampo nea ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo nea ɔkasae asase so no amfi ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdan fi nea ofi soro kasa no ho a, yebeguan?
[26] Ɔno na ɛbere no mu ne nne wosow asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwosow prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso.
[27] Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nneɛma a wɔwosow no nsakrae, sɛ ɛyɛ ade a wɔayɛ, na nneɛma a ɛnwosow no atena hɔ.
[28] Enti sɛ yɛanya ahenni a ɛnwosow yi, momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu.
[29] Efisɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew.