[1] Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.
[2] Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu:
[3] Na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.
[4] Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.
[5] Nkoa, momfa osuro ne ahopopo ntie mo honam fam wuranom asɛm mfi mo koma mu, sɛnea moyɛ ma Kristo,
[6] ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wofi koma mu yɛ Onyankopɔn apɛde,
[7] na wɔde adwempa som sɛ wɔyɛ ma Awurade, na ɛnyɛ nnipa.
[8] Na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehye oo, ɛno ara ho akatua na obenya Awurade nsam.
[9] Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateɛteɛ ase, efisɛ munim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ ɔsoro, na ɔno de nnipa animhwɛ bi nni ne fam.
[10] Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.
[11] Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛɛ adi asi,
[12] efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no.
[13] Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.
[14] Enti munnyina hɔ, momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo,
[15] na momfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan;
[16] ne nyinaa akyi no, munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa,
[17] na momfa nkwagye dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm,
[18] na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,
[19] ɛne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ.
[20] Ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.
[21] Na nea ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛnea mete no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafo Tikiko bɛma moahu ne nyinaa.
[22] Eyi ara nti mesomaa no mo nkyɛn, na moahu sɛnea yɛn ho te na wahyɛ mo koma den.
[23] Asomdwoe ne ɔdɔ ne gyidi nso a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.
[24] Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho ntɔ kyima dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.