[1] Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo
[2] sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,
[3] sɛ ɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm no, sɛnea makyerɛw no tiaam dedaw no.
[4] Sɛ mokenkan a, mode behu ntease a mewɔ Kristo ahintasɛm no ho
[5] a awo ntoatoaso bi mu, wɔamma nnipa mma anhu, sɛnea wɔayi adi nnansa yi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron, wɔ honhom mu,
[6] sɛ amanaman mufo nso bɛyɛ adedifo ne nipadua koro no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa ne bɔhyɛ no ho bi Kristo Yesu mu.
[7] Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no.
[8] Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,
[9] na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,
[10] sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no,
[11] sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te no.
[12] Ne mu na yɛnam ne ho gyidi so anya nnamyɛ ne ɔkwan, ahotoso mu.
[13] Enti mesrɛ sɛ mommpa abaw m’amane a mo nti mihu a ɛne mo anuonyam no mu.
[14] Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya
[15] a wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa no,
[16] sɛ omfi n’anuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipasu no mu;
[17] na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu,
[18] na mo ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no,
[19] na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.
[20] Na nea otumi yɛ ma ɛtra ade nyinaa, ma no ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw, sɛnea tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no te no,
[21] ɔno na anuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ bere santen a ɛbɛba no ntoatoaso nyinaa mu. Amen.