Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:04

[1] Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo,

[2] ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu,

[3] mommɔ mmɔden mfa asomdwoe hama nkura honhom biakoyɛ mu.

[4] Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu:

[5] Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako,

[6] yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya biako a odi yɛn nyinaa so na ɔfa yɛn nyinaa mu na ɔte yɛn nyinaa mu no.

[7] Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmiako mmiako, sɛnea Kristo asusuw n’akyɛde ama no.

[8] Enti ose: Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔde akyɛde maa nnipa.

[9] (Na sɛ ose: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnne na ɛnyɛ nea ɔrekyerɛ ara ne sɛ osian kɔɔ asase ase hɔnom ana?

[10] Ampa ara nea osian no ara ne nea ɔforoe nso tenaa ɔsorosoro nyinaa so na wahyɛ nneɛma nyinaa ma no.)

[11] Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,

[12] na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so,

[13] akodu sɛ yɛn nyinaa bedu Nyankopɔn Ba no ho gyidi ne ne nhumu biakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyin a yɛadu Kristo mayɛ susude no tebea so,

[14] na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradato mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu;

[15] na mmom momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu, Kristo a ɔne eti no mu.

[16] Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.

[17] Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman mufo a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no.

[18] Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonni ntease na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo.

[19] Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.

[20] Na mo de, moansua Kristo saa,

[21] sɛ ampa sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛnea Yesu mu nokware te no.

[22] Ɛne sɛ, mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene,

[23] na momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu,

[24] na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokware trenee ne ahotew mu.

[25] Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

[26] Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so,

[27] na mommma ɔbonsam kwan!

[28] Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.

[29] Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde adom wɔn a wɔte no.

[30] Na monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ.

[31] Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.

[32] Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Efesofo — Chapters