[1] Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim.
[2] Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.
[3] Na bere bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te.
[4] Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.
[5] Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.
[6] Na me de, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me bere a mede mɛsɔre ha ahi.
[7] Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.
[8] Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.
[9] Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.
[10] Efisɛ Dema apɛ mprempren wiase agyaw me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.
[11] Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na oye ma me ɔsom mu.
[12] Tikiko de, masoma no Efeso.
[13] Sɛ woreba a, fa me batakari a migyawee Karpo nkyɛn wɔ Troa ne nhoma no brɛ me, ne titiriw no nhomapoee no.
[14] Aleksanda, kɔbere dwumfo no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade betua no ka sɛnea ne nnwuma te.
[15] Ɔno na wo nso hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho; efisɛ osiw yɛn nsɛm ano kwan bebree.
[16] Me nyiano a edi kan no mu, obiara ammegyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaw me hɔ; wommmu nngu wɔn so.
[17] Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.
[18] Na Awurade beyi me afi bɔne nyinaa mu na wagye me akɔ ne soro ahenni no mu; ɔno na anuonyam wɔ no mmeresanten nnasanten. Amen.
[19] Mekyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo!
[20] Erasto kaa Korinto, na Trofimo na migyaw no Mileto a ɔyare.
[21] Bɔ mmɔden bra ansa na awɔw bere aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyiakyia wo.
[22] Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo.