[1] Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.
[2] Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn,
[3] wɔn a wonni tema, apamsɛefo, nsekufo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa,
[4] afatwafo, akakabenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn,
[5] wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!
[6] Na eyinom mu bi ne wɔn a wɔnam ase hyɛnhyɛn afi mu, na wɔfa mmeawa a bɔne adɔre ahyɛ wɔn so a akɔnnɔ horow keka wɔn
[7] a wosua daa, nanso wontumi nhu nokware no da no nnommum.
[8] Na sɛnea Yane ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara na eyinom nso ne nokware no di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe; wɔmfra wɔ gyidi fam.
[9] Nso wɔrenkɔ wɔn anim pii biara, na wɔn gyimi bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛ wɔn de no nso yɛe no.
[10] Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimmɔ, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ,
[11] me taa a wɔanya me ntaae, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na migyinaa mu, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu.
[12] Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.
[13] Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.
[14] Na wo de, tena nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no,
[15] na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.
[16] Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu ntetewee.
[17] Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.