Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:21

[1] Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!

[2] Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.

[3] Na wo nso, mia w’ani hu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa.

[4] Obi nkɔ ɔsa mfa daa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.

[5] Na sɛ obi di akansi mu agoru nso a, wɔmmɔ no nkonim abotiri, gye sɛ wako no sɛnea ɛho mmara te.

[6] Okuafo a ɔyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ onya mu aba no bi kan.

[7] Hu nea mise yi, na Awurade bɛma wo ade nyinaa mu ntease.

[8] Kae Yesu Kristo a ɔsɔre fii awufo mu a ofi Dawid ase, sɛnea m’asɛmpa no te no.

[9] Ɛno mu na mihu amane bedu ɔkyere mu sɛ ɔdebɔneyɛfo, nanso Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyeree no.

[10] Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa anuonyam.

[11] Nokwasɛm ni: Sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtena ase nso.

[12] Sɛ yegyina pintinn a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.

[13] Sɛ yɛnyɛ anokwafo a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo ara, efisɛ ontumi mpa ne ho akyi.

[14] Eyinom na kae wɔn, na di wɔn adanse Onyankopɔn anim, na wɔannye nsɛm ho akyinnye hunu a mfaso biara nni so, a ɛsɛe atiefo adwene.

[15] Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na ɔpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.

[16] Na nsɛnhuhuw a ɛho ntew no de, yi wo ho fi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu,

[17] na wɔn asɛm bɛyerɛw sɛ ɔyare bɔne; wɔn mu bi ne Himeneo ne Filetu

[18] a wɔapae afi nokware no ho ka sɛ owunyan atwam, na wɔdan binom gyidi butuw.

[19] Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.

[20] Na ofi kɛse mu nni sika ne dwetɛ nneɛma nko, na nnua ne dɔte de nso wɔ mu bi, na wobu bi, na ebi nso yɛ nea wommu.

[21] Na sɛ obi tew ne ho fi eyinom ho a, ɔbɛyɛ ade a wobu na wɔatew ho a owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yiye, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.

[22] Guan fi mmaabun bere mu akɔnnɔ ho, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.

[23] Na nkwasea akyinnyegye a wɔmfa nsua hwee no de, gu, efisɛ wunim sɛ ɛde ntɔkwaw ba.

[24] Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfo, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu nkyerɛkyerɛ, ɔtɔ ne bo ase bɔne ho,

[25] na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no hu mu,

[26] na wɔn ani so atetew afi ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ no afiri mu.

Paulo Nhoma Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo — Chapters