Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:23

[1] Awuranom, momfa nea ɛteɛ, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, efisɛ munim sɛ mo nso mowɔ owura ɔsoro.

[2] Munkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.

[3] Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,

[4] na mayi no adi, sɛnea ɛsɛ me sɛ mekasa.

[5] Monnantew nyansam wɔ ananafo mu, na monnsɛe mo bere kwa.

[6] Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.

[7] Tikiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfo nokwafo ne m'awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka mo me ho nsɛm nyinaa.

[8] Eyi ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekye mo werɛ,

[9] na mede Onesimo, onua nokwafo dɔfo a ofi mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa.

[10] Aristarko, me yɔnko dommum, ne Barnaba wɔfase Marko a munyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no fɛw so).

[11] Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wofi twetiatwa mu no, kyia mo. Eyinom nko ne me yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekye.

[12] Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.

[13] Na midi no adanse sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli.

[14] Luka, oduruyɛfo dɔfo no, ne Dema kyia mo.

[15] Munkyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fi no.

[16] Na sɛ wɔkenkan nhoma yi mo nkyɛn wie a, momma wɔnkɔkenkan Laodikeafo asafo no mu bi, na mo nso monkenkan nea efi Laodikea no.

[17] Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woawie no pɛpɛɛpɛ.

[18] Me nkyia a me Paulo mede me nsa mekyerɛwee ni. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Kolosefo — Chapters