Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:17

[1] Enti, sɛ moanya ne Kristo anyan a, monhwehwɛ nea ɛwɔ soro, nea Kristo te hɔ wɔ Onyankopɔn nifa.

[2] Munnwen nea ɛwɔ soro, na ɛnyɛ nea ɛwɔ asase so.

[3] Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu;

[4] na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa beyi ne ho adi no, ɛno na wobeyi mo nso ne no adi anuonyam mu.

[5] Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.

[6] Eyinom na ɛde Onyankopɔn abufuw ba, (wɔ asoɔdenfo mma so)

[7] ɛno na kan a mote mu no, mo nso monantew mu.

[8] Na afei mo de, munyi abufuw, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.

[9] Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho efisɛ moayi onipa dedaw no ne ne nneyɛe agu,

[10] na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so;

[11] faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.

[12] Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre.

[13] Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.

[14] Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.

[15] Na momma Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monnyɛ boniayɛfo.

[16] Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree; monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho nyansa nyinaa mu, momfa sanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛw so wɔ mo koma mu mma Onyankopɔn.

[17] Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.

[18] Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu.

[19] Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometew.

[20] Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.

[21] Agyanom, munnhyɛ mo mma abufuw, na wɔn aba mu ammu.

[22] Nkoa, muntie mo honam fam wuranom asɛm nneɛma nyinaa mu, ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom koma kronn mu, sɛ wɔn a wosuro Awurade.

[23] Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa,

[24] efisɛ munim sɛ Awurade nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.

[25] Na nea ɔyɛ nea ɛnteɛ no benya nea ɛnteɛ a ɔyɛe no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Kolosefo — Chapters