[1] Na adiyifo atorofo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.
[2] Na bebree bedi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne.
[3] Na wɔnam anibere so de asisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.
[4] Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɔde esum kabii ahama kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu a,
[5] na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo ne nnipa baasɔn a wɔka ne ho na ogyee wɔn na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so no,
[6] na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nso, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde,
[7] na oyii Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no;
[8] (na nea onipa trenee no tenaa wɔn mu hui na ɔtee no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa);
[9] Awurade nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da;
[10] ne titiriw no, wɔn a wodi honam akyi, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔtew tumidi ahi. Wɔyɛ anuɔdenfo, ahopɛfo, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka anuonyamfo ho asɛmmɔne.
[11] Nanso abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɛso no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn Awurade anim.
[12] Na eyinom de, wɔte sɛ mmoa a wonni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nsɛe wɔn. Wɔka nea wonnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ankasa sɛe mu,
[13] na wobenya nea ɛnteɛ so akatua. Nea wobu no anigye ne daa ahohwi asetena, wɔyɛ nkekae ne dɛm, wɔde wɔn apempensi bɔ ahohwi, nanso wɔne mo redidi,
[14] wɔwɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimii ɛ, wɔwɔ koma a aben anibere mu, wɔyɛ nnome mma,
[15] wɔagyaw ɔkwan trenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na ɔpɛɛ nea ɛnteɛ so akatua,
[16] nanso onyaa ne mmarato ho atɛnyi; afurum a ontumi nkasa de onipa nne kasae, siw odiyifo no nkwaseasɛm no kwan.
[17] Eyinom yɛ mmura a nsu nni mu, suwusiw a mframa bɔ huu de rekɔ, wɔn na wɔde sum kabikabi asie wɔn.
[18] Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.
[19] Wɔhyɛ wɔn adehyedi ho bɔ, na wɔn ankasa de, wɔyɛ ɔporɔw nkoa, efisɛ nea adi obi so nkonim no, ɛno na ɛyɛ no akoa.
[20] Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so aguan wiase fi, na wɔtoatoa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetena adan wɔn bɔne akyɛn kan de no.
[21] Na anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.
[22] Na ayɛ wɔn sɛnea nokware bɛ no se: Ɔkraman no asan akɔ n’ankasa fe ho bio, na prako a wɔaguare no no asian kɔ ne dontori a ɔyantam mu no mu.