Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:37

[1] Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:

[2] Adom ne asomdwoe nnɔɔso mma mo, Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.

[3] Sɛnea ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nneɛma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, nea ɔnam anuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu.

[4] Ɛno nso so na ɔnam akyɛ yɛn bɔhyɛ a ɛsosoe akɛseakɛse a ne bo yɛ den, na sɛ moanya aguan akɔnnɔ mu porɔw a ɛwɔ wiase a, moafa eyinom so anya Onyankopɔn su no bi.

[5] Eyi ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidi ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho,

[6] na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,

[7] na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onuadɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho.

[8] Na sɛ eyinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.

[9] Efisɛ nea eyinom abɔ no no yɛ onifuraefo, na n’ani anyam, onhu akyiri ade, na ne werɛ afi ne bɔne a wayɛ dedaw no ho hohoro.

[10] Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yi mu den; na sɛ moyɛ eyinom a, morenhintiw da.

[11] Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro so akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.

[12] Enti meremma m’ani mpa so sɛ mɛkae mo eyinom daa, nanso munim dedaw, na moatim nokware a ɛwɔ hɔ yi mu.

[13] Nanso mibu no sɛ ɛteɛ sɛ mete ntamadan yi mu yi, mede nkae mekanyan mo,

[14] efisɛ, minim sɛ ɔpa a wɔbɛpa me ho ntamadan yi bɛba ntɛm so, sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.

[15] Nanso mɛbɔ mmɔden, na me wiasefi akyi no, moatumi akae eyinom da biara.

[16] Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a na yɛn ani tuae.

[17] Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no,

[18] yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.

[19] Nanso yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn kyɛn sa, ɛno na sɛ mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye.

[20] Munhu eyi kan sɛ kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so;

[21] efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.

Petro Nhoma A Ɛto So Abien — Chapters