[1] Afei nea edi akyi, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ mekyerɛw mo ade koro no ara a, ɛnyɛ ade a ɛhaw me, na mmom, ɛma mutim.
[2] Monhwɛ yiye akraman no ho, monhwɛ yiye adwumayɛfo bɔne no ho, monhwɛ yiye wɔ twetiatwafo no ho!
[3] Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.
[4] Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ ɔhonam mu biribi a mede me ho mɛto so. Sɛ ɔfoforo bi susuw sɛ ɔwɔ ɔhonam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bi.
[5] Hwɛ, wotwaa me twetia da a ɛto so awotwe, mifi Israel asefo mu, Benyamin abusuakuw mu, meyɛ Hebrifo mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini,
[6] mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu trenee fam, wɔannya me ho asɛm.
[7] Nanso nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibuu no adehwere.
[8] Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso,
[9] na wɔahu me ne mu sɛ minni me ara me trenee a efi mmara mu, na mmom nea ɛnam Kristo ho gyidi so ba, trenee a efi Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidi so.
[10] Na anka mahu no yiye, ne ne wusɔre tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wu no,
[11] sɛ ebia mɛto awufo mu sɔre no.
[12] Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dedaw, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛnea Kristo Yesu nso nsa aka me no.
[13] Anuanom, me de, minsusuw sɛ me nsa anya aka biribi; nanso ade biako pɛ na meyɛ: Mema me werɛ fi nea atwam no, na metwe me mu mepɛ nea ɛwɔ anim no.
[14] Mepem kɔ m'anim sɛ medu botae no ho, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no.
[15] Enti momma yɛn mu dodow a yɛyɛ pɛ no nnwen sa; na sɛ biribi wɔ hɔ a mudwen no foforo a, ɛno nso Onyankopɔn beyi adi akyerɛ mo.
[16] Nanso nea yɛanya dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.
[17] Anuanom, munsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛnea mowɔ yɛn sɛ nhwɛso no.
[18] Na nnipa bebree wɔ hɔ a metaa ka wɔn nnantew ho asɛm kyerɛ mo, na seisei nso mede nusu mereka bio sɛ: Wɔyɛ Kristo asɛnnua no atamfo;
[19] wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.
[20] Na yɛn de, yɛn man a yefi mu ankasa ne ɔsoro. Efi hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔno ne Awurade Yesu Kristo
[21] a ɔbɛsakra yɛn ahobrɛase nipadua sɛnea n'ahoɔden adwuma a ɔde betumi abrɛ nneɛma nyinaa ase ahyɛ n'ase no te.