Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:17

[1] Na afei, mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom!

[2] Mo ahonyade aporɔw, na nwewee awe mo ntade.

[3] Mo sika ne dwetɛ agye nkannare, na ɛho nkannare no bedi mo adanse, na ebedi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ ademude, nna a edi akyiri mu.

[4] Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo Awurade no asom.

[5] Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwi, na moayɛn mo koma wɔ okum da.

[6] Moabu nea ɔteɛ no fɔ akum no; onsiw mo kwan.

[7] Enti, anuanom, montɔ mo bo ase nkodu da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafo a ɔretwɛn asase aba a ne bo yɛ den no tɔ ne bo ase kyɛ wɔ ho de kosi sɛ enya asusow ne adom nsu.

[8] Mo nso, montɔ mo bo ase nkyɛ, monhyɛ mo koma den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn.

[9] Anuanom, munngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufo no gyina ɔpon ano.

[10] Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ.

[11] Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea Awurade ma ewiee no, sɛnea Awurade ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.

[12] Na me nuanom, nea edi ne nyinaa kan no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa fam anaa ntam biara. Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo daabi nyɛ daabi, na moanhwe atemmu mu.

[13] Mo mu bi hu amane anaa? Ɔmmɔ mpae. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ɔnto ayeyi nnwom.

[14] Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo Awurade din mu.

[15] Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bekyɛ no.

[16] Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree.

[17] Na Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpae dennen sɛ osu nntɔ. Na osu antɔ asase so mfirihyia abiɛsa ne asram asia.

[18] Na ɔbɔɔ mpae bio, na ɔsoro tɔɔ osu, na asase sow n’aba.

[19] Me nuanom, sɛ mo mu bi fom fi nokware no ho na obi dan no a,

[20] onhu sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛfo fi ne mfomso kwan so no, obegye ɔkra afi owu mu, na wakata bɔne pii so.

Yakobo Nhoma — Chapters