Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:02

[1] Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokware mu no.

[2] Ɔdɔfo, miyi mpae sɛ, ade nyinaa mu, ensi wo yiye, na nya ahoɔden, sɛnea asi wo kra yiye.

[3] Bere a anuanom bi bae, na wobedii wo nokware ho adanse sɛnea wonam nokware mu no, m’ani gyei sɛ.

[4] Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.

[5] Ɔdɔfo, nea woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔho no, ne kwan so ara nen.

[6] Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanse asafo no anim. Na wugya wɔn kwan sɛnea ɛsɛ, Onyankopɔn anim a na wayɛ no yiye.

[7] Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman no hɔ biribiara.

[8] Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye saa nkurɔfo no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.

[9] Mekyerɛw mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔpɛ wɔn mu panyin adi no nnye yɛn ara.

[10] Eyi nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na eyi mpo annɔɔ no so, na n’ankasa nnye anuanom no ntom, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na otu wɔn fi asafo no mu.

[11] Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu, na nea ɔyɛ bɔne no nhuu Nyankopɔn.

[12] Demetrio de, wɔn nyinaa di ne ho adanse, wɔ nokware mu, na yɛn nso yedi ne ho adanse, na wunim sɛ yɛn adanse yɛ nokware.

[13] Anka mewɔ nsɛm pii mekyerɛw, nanso mempɛ sɛ mede adubiri ne kyerɛwdua kyerɛw brɛ wo.

[14] Na m’ani da so sɛ mehu wo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa.

[15] Asomdwoe nka wo. Nnamfonom kyiakyia wo. Bobɔ nnamfonom no din mmiako mmiako kyia wɔn.