[1] Saa ara na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn,
[2] sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.
[3] Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu,
[4] na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.
[5] Na saa na tete no mmea kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn so no hyehyɛɛ wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn ankasa wɔn kununom,
[6] sɛnea Sara tiee Abraham frɛɛ no owura no. Ɔno na, sɛ moyɛ papa na munsuro ahude biara a, moayɛ ne mma.
[7] Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no adedifo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.
[8] Na awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmoma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.
[9] Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw nntua ɔyaw so ka; na mmom munhyira, efisɛ eyi mu na wɔfrɛɛ mo, sɛ mummegye nhyira.
[10] Na nea ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa no, ma no nyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n'ano na anka nnaadaasɛm.
[11] Ma no nkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ma ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi.
[12] Efisɛ Awurade ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn mpaebɔ, na Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.
[13] Na sɛ mudi papa akyi a, hena ne nea ɔbɛhaw mo?
[14] Na sɛ trenee nti muhu amane nso a, nhyira ne mo. Na munnsuro wɔn ho hu, na mommma mo bo nntutu.
[15] Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase,
[16] odwo ne osuro mu, na munnya ahonim pa, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu no, wɔn a wogu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.
[17] Na sɛ ɔpɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ muhu amane sɛ papayɛfo a, eye kyɛn sɛ muhu sɛ abɔneyɛfo.
[18] Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.
[19] Ɛno mu nso na ɔkɔe kɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase
[20] a tete no wɔyɛ asoɔdenfo, ɛbere a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛnee, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu.
[21] Ɛno na afei ne nsɛso a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.
[22] Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.