[1] Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho,
[2] na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahu, na yedi ho adanse, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na eyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,
[3] nea yɛahu na yɛate na yɛka kyerɛ mo, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne ba Yesu Kristo na ɛwɔ.
[4] Yɛkyerɛw eyinom brɛ mo, na yɛn anigye awie pɛyɛ.
[5] Na kaseɛ a yɛtee ne nkyɛn na yɛbɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.
[6] Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yedi atoro na yɛnnantew nokware mu.
[7] Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntam, na ne ba Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.
[8] Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu.
[9] Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.
[10] Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma ɔdan ɔtorofo, na n’asɛm no nni yɛn mu.