[1] Afei, mo adefoɔ nso montie! Monsu na montwa agyaadwoɔ wɔ amanehunu a ɛreba mo so ho.
[2] Mo ahonya no aporɔ na nweweboa awe mo ntoma.
[3] Mo sika ne mo dwetɛ awe nnaakye na saa nnaakye no bɛdi adanseɛ atia mo, na ahye mo honam sɛ egya. Moahyehyɛ agyapadeɛ nna a ɛdi akyire yi mu.
[4] Nnipa a wɔyɔɔ adwuma wɔ mo mfuo mu no, montuaa wɔn ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisie no adu Onyankopɔn, Awurade Tumfoɔ no aso mu.
[5] Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛdeɛ ne anigyeɛ. Moadodɔre sradeɛ ama okum da.
[6] Moabu deɛ ɔnni fɔ kumfɔ aku no; ɔnsi mo kwan.
[7] Me nuanom, monto mo bo ase kɔsi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛdeɛ okuafoɔ nya boasetɔ twɛn asusɔberɛ.
[8] Ɛsɛ sɛ mo nso moto mo bo ase. Momma mo anidasoɔ mu nyɛ den ɛfiri sɛ, da a Awurade bɛba no abɛn.
[9] Anuanom, monnni nsekuo nntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Ɔtɛmmufoɔ no gyina ɛpono no ano.
[10] Me nuanom, monkae adiyifoɔ a wɔde Awurade din kasaeɛ no. Momfa wɔn sɛ nhwɛsoɔ wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wɔtumi de tenaa amanehunu mu no.
[11] Yɛde nnidie ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na monim deɛ Awurade de dom no awieeɛ no ɛfiri sɛ, Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
[12] Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nnsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Aane” a, monka “Aane”. Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na mo amma Onyankopɔn atɛmmuo ase.
[13] Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayeyie nnwom.
[14] Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanimfoɔ na wɔde Awurade din bɔ mpaeɛ ma no na wɔsra no ngo.
[15] Sɛ wɔbɔ saa mpaeɛ no gyidie mu a, ɛbɛsa ɔyarefoɔ no yadeɛ, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.
[16] Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpaeɛ mma mo ho mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔbɛsa mo yadeɛ. Onipa tenenee mpaebɔ tumi yɛ nnoɔma bebree.
[17] Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu sɛ osuo nntɔ, na ampa ara osuo antɔ asase no so mfeɛ mmiɛnsa ne fa.
[18] Ɔsane bɔɔ mpaeɛ bio maa osuo tɔeɛ maa asase nyaa nnɔbaeɛ.
[19] Me nuanom, sɛ mo mu bi dwane firi nokorɛ ho na ɔfoforɔ de no ba bio a,
[20] Monkae sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛfoɔ firi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa firi owuo mu ma wɔde ne bɔne dodoɔ no nyinaa kyɛ no.