Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:05

[1] Me, Asɔre panin, metwerɛ kɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokorɛ no nti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔnim nokorɛ no nyinaa dɔ mo,

[2] ɛfiri sɛ, nokorɛ no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akɔsi daa.

[3] Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no, nkyɛn mmra yɛn so nokorɛ ne ɔdɔ mu.

[4] Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no.

[5] Enti, mereka akyerɛ wo, Awuraa sɛ, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Yei nyɛ mmara foforɔ a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn firi mfitiaseɛ.

[6] Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ, momma yɛntena ase na yɛnyɛ ɔsetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote firii mfitiaseɛ no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.

[7] Adaadaafoɔ a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no adɔɔso wɔ wiase. Saa adaadaafoɔ yi yɛ atorofoɔ ne Kristo atamfoɔ nso.

[8] Monhwɛ mo ho so yie na moanhwere deɛ moayɔ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no.

[9] Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no.

[10] Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, monnnye no wɔ mo fie, na monnka nso sɛ, “Asomdwoeɛ nka wo.”

[11] Ɛfiri sɛ, obiara a ɔgye saa nipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.

[12] Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛduro so nka. Na mmom, mɛba nipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na mo ani agye.

[13] Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo.