Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:24

[1] Me a meyɛ ɔpanin no, metu asafo no mu mpanimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu no ho adanseɛ nti nʼanimuonyam a ɛbɛba no bɛka me. Metu mo fo sɛ,

[2] monyɛ nnwan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nnwanhwɛfoɔ na monhwɛ wɔn yie sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɔ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom, pɛ ara na mopɛ sɛ moyɔ.

[3] Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ pa mma nnwan no.

[4] Na sɛ Odwanhwɛfoɔ panin no ba a, wɔbɛma mo animuonyam ahenkyɛ a ɛho nsɛe da.

[5] Saa ara na ɛsɛ sɛ mmabunu, mobrɛ mo ho ase ma mpanimfoɔ. Mo nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanimu mmɔ mo asene na monsom mo ho mo ho ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”

[6] Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɔbɛma mo so wɔ berɛ a ɛsɛ mu.

[7] Momfa mo dadwene ne mo haw nyinaa nto ne so ɛfiri sɛ, ɔdwene mo ho.

[8] Mo ani nna hɔ; monwɛn ɛfiri sɛ, mo tamfoɔ bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔm hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.

[9] Momfa gyidie nnyina pintinn nsi no kwan ɛfiri sɛ, monim sɛ mo nuanom gyidifoɔ a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa rehunu saa amane korɔ no ara bi.

[10] Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim. Ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ.

[11] Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.

[12] Me nua gyidini Silwano na ɔboaa me maa metwerɛɛ saa krataa tiawa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Onyankopɔn adom kann. Monnyina mu denden.

[13] Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyea mo.

[14] Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyeakyea mo ho mo ho. Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.

I Petro — Chapters